Da Foforo

Ama Benewaa T.

Yɛse afe bi yɛ esan na mmom afe wei deɛ aba abɛ kyerɛ yɛn paa ara. Ei! Afe bi ni?

Afe no ahyɛaseɛ no, me ne me nua Kwabena ka kyerɛɛ yɛn ho sɛ, afe wei deɛ, ye be di dɛ; akwanya a yɛnfɛfoɔ anya no wɔ nkran ha no, yɛn nso yɛ de yɛn nnoɔma bɛtoto yie sɛ deɛ ɛbɛyɛ a yɛn nso yebenya bi. Yɛ yɛɛ nhyehyɛeɛ bebree na ankyɛ biara na yareɛ yi a ɛde asiane kɛseɛ abrɛ amanaman nyinara yi baaɛ. Ei! Asɛm ni? Wobɛ dwene sɛ yareɛ yi nti aman mpanyinfoɔ bedi nokorɛ, adwene wɔn manfoɔ ho ayɛ nea ɛsɛsɛ wɔyɛ de ko tia yareɛ yi. Wobɛ dwene sɛ amanaman nyinaa bɛka abom wɔ ɔdɔ ne nteaseɛ mu ako atia yareɛ yi nanso, daa nsɛm a ɛyɛ ɛbufu yɛ asefem nkoara na yɛte. Ɛnnɛ, amanfoɔ nam America abɔnten so sɛ wɔn deɛ, anokatadeɛ no, wɔnnhyɛ bi da, ɔkyena apoosifoɔ ɛreyɛ Alatafoɔ ayakayakadeɛ. Wɔ Mali ne Ivory Coast, nnipa bebree ate asi abɔnten so efiri sɛ wɔn manpanyinfoɔ reteetee wɔn. Obiara nni ahotɔ. Anaano mpo deɛ, yɛse Greecefoɔ agya abibifoɔ wɔ nsuo mu sɛ wɔn nkɔ baabi a wɔfri baeɛ. Ei, ɛyɛ asem o! Ɔdɔ ne tema no wɔ henefa? Adɛn na nnipa tirimu yɛ sum saa? Ɛdeɛn paa na yɛregye wɔ wiase mu ha? Wɔn a wɔ dii saa dwuma yi, wotumi da anadwo?

Me ne me nua Kwabena nhyehyɛeɛ no deɛ, ɛyɛ me sɛ ne nyinaa atɔ nsuo mu. Daabi. Daabi. Yetumi siee sika kakra enti, y’atu abɛtena Adenta-Dodowa kwan no so baabi. Fie no yɛ kama. Nnua wɔ ha bebree. Mframa no yɛ kama; ɛtɔ da a, mframa n’ano yɛ nnwunu nanso ne nyinaa yɛ. Ɛbɛn kwan ho. Amanfoɔ abɛɛfo dwadibea akɛseɛ yi bi baako si kwan no ho enti nnoɔma a yehia deɛ, ɛho nnyɛ na; ɛho nhia sɛ yɛbɛ kɔ akyire koraa.

Ɛfiri sɛ yɛbɛ tenaa ha no, mennhyɛda mpue; metaa pue kɔ nante nante mantam no mu nanso me ntenaa hyɛn mu nkɔɔ babiara. Na mantam ha foɔ deɛ, wɔn ho yɛ me nwanwa kakra. Wo te ha bi a, wo bɛdwene sɛ yareɛ yi a ɛrekum nkorofoɔ yi bi nni ɔman yi mu. Dwadifoɔ mmienu pɛ na wɔhyɛ anokatadeɛ no bi; wɔn a aka deɛ, wɔ tɔn wɔn adeɛ saa ara. Mmofra ne mpanyinfoɔ a wɔwɔ ha nso di akɔneaba tesɛ nea wɔnntee yareɛ no ho asɛm da. Dua no a wɔto dame wɔ aseɛ no deɛ, papa panyin bi a ne tiri nnwin fitaa nkoaa na ɛyaa ɔhyɛ bi. Ɛyɛ nwanwa o. Enti wɔn a wɔ ne no to dame no, deɛn nti na wɔnntumi nsua nyansa mfri papa yi hɔ? Deɛn nti na mmarima yi asi wɔn tirimu pɔ sɛ, wɔn nnhyɛ bi? Ɛha me paa.


Nnɛ ne nnansa, metuu mpasa; mede m’ani kyerɛɛ Ashiyie kwan no so. Mennim sɛ na ɛyɛ Kwasiada nti o; na nipa nhyɛda nni kwan no so. Me nante kɔɔ m’anim kakra no na mefirii aseɛ sɛ merehyia nnipa; aduanetɔnfoɔ ne wɔn a wɔretɔ aduane, wɔn a wɔreforo hyɛn akɔ Dodowa, wɔn a wɔn ani kyerɛ Adenta; na nnipa no dɔɔso kakra nanso na dodoɔ no ara na ɛnnhyɛ anokatadeɛ no bi. Mede ayamhyehyeɛ twaa kwan no mu kogyinaa baabi a na obiara nni.

Simma du akyi na hyɛn bi a na nnipa mmienu te mu begyinaa kwan no ho. Mehunuu sɛ nnipa mmienu pɛ na ɛtem no ɛna meyɛɛ m’adwene sɛ, da no deɛ menso mɛkɔ Dodowa hɔ akɔhwɛ dea ɛwɔ hɔ. Wogyinaa hɔ kakra frɛɛ akwantufoɔ nanso obiara amma nti hyɛnkafo no tuu hyɛn no. Mpaeɛ a na merebɔ nyinaa ne sɛ, wonnya akwantufoɔ biara kosi sɛ yebeduru Dodowa hɔ ama masane nanso yeduru beaɛ a wɔfrɛ no Amanfrom no, ná akwantufoɔ a wɔn ani kyerɛ Dodowa bebree gyina kwan no ho. Wɔyɛɛ sɛ wɔrepere awura hyɛn no mu na hyɛnkani no hokafoɔ no kaa pono no too mu.

“Ei. Adɛn? Monnim sɛ yareɛ aba anaa? Meserɛ mo, ɛhyɛn wei, yɛde abotare na ɛforo. Yɛfa nnipa mmiɛnsa wɔ akonnwa tenten no so. Anim hɔ no, nnipa baako pɛ na ɛtena hɔ. Sɛ wonnhyɛ anokatadeɛ no bi a, worenntumi nnforo me hyɛn no. Meserɛ mo.”

“Ah. Nasɛ adaano no, manpanyin kae sɛ afei deɛ motumi fa nnipa sɛ nea na mofa no dada no ara.”

“Aane. Y’ate paa nanso yɛn deɛ, sei ara na yɛpɛsɛ yɛyɛ no. Nea yɛn so yebɛtumi ayɛ de ako atia yareɛ no nie. Meserɛ mo, mese sɛ wonnhyɛ anokatadeɛ no bi a, wonntumi nnforo hyɛn wei.”
Abranteɛ no buee pono no, na papa bi a ɔnnhyɛ anokatadeɛ no bi ka wɔn a wɔrebɛ foro hyɛn no ho. Me yam hyee me biom.

“Ei. Papa. Adɛn? Mese wo nhyɛbi a, wonntumi nnforo hyɛn wei. W’ahyɛ siut kamakama, ahyɛ mpaboa abɔ tae, anokatadeɛ deɛ w’anhunu bi anntɔ anhyɛ. Ah.”

“Abranteɛ, ɛnnka nkwaseasɛm nkyerɛ me. Yareɛ biara nni hɔ. Adeɛ no a mohyehyɛ hyehyɛ no by hart no, mo nkwa so na morete no saa no w’ate.”

Saa berɛ yi deɛ, na obiara atena ase ama hyɛn no ayɛ mã.

“Metumi hu sɛ wonnim nyansa. Wonim nyansa a, anka wonhyɛ siut, ɛmmɔ tae, ɛmmɛgyina ha sɛ yareɛ biara nni hɔ. Biribi ɛregyegye wo. Wei mo nyinaa yɛ adwuma gye akatua, amanfoɔ hwɛ ntaadeɛ a ɛhyɛ wɔn de ebuo ne nidie ma wɔn nanso wɔnnim nyansa baako baako sei. Massa, away bus.”

Nnipa dodoɔ n’ara sɔɔ sedeɛ mu. Me deɛ, na merehwɛ mpoma no mu. Ankyɛ biara na metee sɛ maame na a ɔte hyɛnkani no akyi no rekakyerɛ no sɛ, ɔne na abarimaa no nkasa na n’ano yɛya.

“Ah ante, na sɛ nea ɔkaayɛ no, ntorɔ biara nnimu. Papa no sɛ onim nyansa a, anka ɔnnka nea ɔkaa yɛ no. Sɛ wo tie kaseɛbɔ a, amanɔne deɛ, kyerɛsɛ nnipa bebree na yareɛ no ekum wɔn. Yɛn ankasa yɛn man mu ha, yahwere nnipa. Yɛ se wɔn a w’afiri mu no, na mmofra a wɔnnii bosome nsia mpo ka ho. Ɛyɛ ya, mama. Ɛyɛ ya dodo. Ne papa mu a, anka enni sɛ obiara firi mu.”

Sɛnea hyɛnkafoɔ no ne abarimaa no a ɔne no yɛ adwuma no kasaa yɛ no nti, m’akoma tɔɔ me yam kakra. Adwenedwene mu ara na me tee sɛ, abranteɛ no a ɔte hyɛnkani no nkyɛn wɔ anim hɔ rebisa no sɛ ne busuani ka wɔn a wɔn efirii mu no ho anaa. Medeɛ n’ama yɛ diin fiti berɛ a meforoo hyɛn no enti sɛdeɛ ɛyɛɛyɛ a me bisaa abranteɛ no sɛ “adɛn, ɛsɛsɛ ne busuani wu ansaana w’ama asɛm no ho ahia no anaa?” deɛ, mennim.

“Na hwan na waferɛ wo? Wo na me bisaa wo asɛm? Wo mmu adeɛ, meboa?”

“Na sɛ w’ammisa asɛm bɔne.”

“Daabi. Daabi. Ɛnyɛ ɔno na mene no redi nkɔmmɔ nti enni sɛ ɔka bi.”

“Ah. Abrantie yi paa?”

“Nea ɔrekyerɛ bi.”

Na dede reba hyɛn no mu. Obiara reka bi. Nea mehunuu yɛ ara ne sɛ abranteɛ no adane ne ho de n’ani akyerɛ hyɛn no mu a ɔne Papa panyin bi a ɔte hyɛn no akyi reyɛ nyiyiano. Akasa akasa no mu ara na oyii n’anokatadeɛ  no. Na abranteɛ yi, biribi ha no anaa?

Obiara reteɛteɛmu kyerɛ no sɛ ɔnsane mfa ne mask no nhyɛ no ara na me deɛ me kakyerɛɛ hyɛnkani no boafoɔ no sɛ mesi.

“N’asɛ yennuruu Dodowa o.”

“Aane. Mame nsi. Ɛnyɛ hwee. Da foforɔ.”

Mennim beaɛ a mesii wɔ. Mesuro nso sɛ mɛsan aforo hyɛn foforɔ akɔ fie enti me nantee yɛ. Dodowa deɛ, yɛ wɔ nkwa a, yɛbɛ kɛ hɔ ada foforɔ.



Da Foforo: Afe yi atoyirɛnkyɛm yarieɛ Covid-19, amanaman mu nsɛm ɛne ehu a ato yen nyinara.

Another time: the disastrous covid-19, global issues and the fear that has gripped us all.

Ama Benewaa T. lives in Accra where she is currently reliving some of her childhood every chance she gets, making her 1023rd attempt to quit eating red meat and trying her hands at writing in Asante Twi. She can be found online at @amatuffet on both Twitter and Instagram. She shares her work on amatuffet.wordpress.com.

Photo by Adam Nieścioruk on Unsplash