Kojo Antwi Nnwom by s.Asamoah

s. Asamoah

Wo nnwom bu asorɔkye a na w’anyane Onyankopɔn ntaban,
Na me mogya rekɔm sɛ Antoa bosom npempem.
berɛberɛ.
Ananse a wo nwene nsankuo-ntontan
wɔ woanum dane no Anansesɛm.
Me bɔ wo din a, te no npɛn aduasa.
Dodoɔ mu baakofo a womene y’atɛntɛbɛn sin
na wo tɛkrɛma twa neho sɛ apaawa.
berɛberɛ.
Wo woso wo ti a na wo tiriso nwi adware wo asi wo nan ase.
Sɛ Yaanom renkae wo a, Gyeɛ —
fa Ghanafo nyinaa ano yɛ abasobɔdeɛ ɔpepem aduasa-mmiɛnsa.
Na wo nipadua yɛ anwensɛm a Ɔbɔadeɛ de frɛfrɛ anɔpa nsoroma daberɛ.
Fa nyankontɔn yɛ wo wiem-hyɛn na tu sɛ afafrantɔ nom.
berɛberɛ










An ode to Kojo Antwi, the legendary Ghanaian music maestro, who through his music taught many to write music and poetry.

s. Asamoah writes from Accra-Ghana. His poems have appeared in Tampered Press Magazine, Gumbo Press Magazine, Lunaris Review, Praxis Online Magazine and The Contemporary Ghanaian Writer Series (CGWS).

Photo by Gabriel Barletta on Unsplash.