Mpoano by s.Asamoah

J.H Nketiah, Kwesi Brew ɛkye

s. Asamoah

Obibini ba; me mframa yɛ kɔɔbere afasuo
Me tɛkyerɛma te sɛ mpɛntoa a ate ahwe anwea mu.
Honam yɛ agyapadeɛ a anka me wɔ ahemman.
Nso ɛsane woɔ’tro sen ɔsram.
Na wo de ogya ntakra fɛ akye’a
Wo bɛ hye ayɛ sɛ anadwo-wim.
Naano me bisaa me Nã:
Maame, wo honam tuntum yiɛ?
Ɛnã see me sɛ:                                                       
Ɔsebɔ wu a ɔde n’anomdɛ gya ne mma.
Sɛ ɔsram bua da a, ɛnkyerɛ sɛ w’awu.
Ebio, wo nyane na wo nhunu owia a, ɛnkyerɛ sɛ w’adi no kan.
Ehu Suro ne ho.
Ansa sunday bɛba no, na yenim Kwasiada, nim Owia dada.
Nti adɛn na mpataku fitaa 
de me mpoano ayɛ ɔkraman-funu ba yi?


Mpoano[shore or coast] is an anti-colonial critique of the legacy of Africa and Ghana.

s. Asamoah writes from Accra-Ghana. His poems have appeared in Tampered Press Magazine, Gumbo Press Magazine, Lunaris Review, Praxis Online Magazine and The Contemporary Ghanaian Writer Series (CGWS). Twitter: @s.Asamoah.

Photo by Efe Kurnaz on Unsplash