Saman bɛkye me by Abena Adifah

Abena Adifah

Me maame ei, bue me
Me papa ei, bue me
Na saman rebɛkye me
Ɔnkye wo oo  Dora
Ɔnkye wo oo  Dora
Na wokɔ abɔntene a,
Bra fie ntɛm

Deɛ Mama nnim ne sɛ
Ɔne saman  na ɛda.
Saman nni abɔntene
Saman ne deɛ
Ansa na mempokua rebɛbobɔ no
Ɔkakyerɛɛ me sɛ mma menkakyerɛ obi ara
Saman ne deɛ manyini yi,
Madware awie no,
Yɛn  pie yɛ koro nti
Ɔbɛhwɛ me berɛ a meresiesie me ho
Saman ne deɛ mada no
Ɔde ne nsa bɛnenam me ho.
Saa nsa no ara bɛsɔ m’ano
Ɔwie na meresu a, saa nsa no ara
Apepa me nisuo

Nti Mama,
Mepue a, mentumi mma ntɛm
Hann wɔ adi
Efie deɛ, esum nko ara,
Mama saman nni abɔntene,
Saman wɔ fie.

Saman ne m’agya,
Saman ne me wɔfa
Saman ne me sewaa Pokua
Da biara ɔde Kwaku kakai de agorɔ
Sɛ saa saman no kɔ a
Mɛba fie ntɛm

Mama, mentumi nka ne nyinaa
Sɛ meka a wobɛgye adi?
Sɛ meka a  Aban ne no bɛdi
Anaasɛ yɛbɛsane aba fie?
Mama mentumi nka, mesuro
Nti…

Me maame ei bue w’ani
Me papa ei bue w’ani
Na saman akye me.


Abena Adifah is a student of Heinrich-Heine University pursuing a Master in Comparative English Studies, Literature, and Culture. An avid reader of all things African Lit and a firm believer in the progressive impact of literature and art especially in addressing issues of female empowerment and sexual violence. She can be found on Twitter and Instagram on @Adifa_Osei and @abena.adifah

A poem in Twi about intrafamilial sexual violence.

Photo by Melanie Wasser on Unsplash

1 Comment

  • A prose perfectly written to expose the elephant in the rooms of our society that we all see but we refuse to acknowledge, child abuse by people trusted with the care of these children….written with a touch of satire drawing the reader in by the letter…

Comments are closed.